KRISTO NKYƐN KƆ

1/14

KRISTO NKYƐN KƆ

Emu Nsɛm

Nnianim

Nhoma yi din kyerɛ n’adwuma. Eyi Kristo adi sɛ nea Ne nkutoo tumi ma nea ɔkara hwehwɛ; na ɔkyere nea ogye akyinnye nan ne nea ogyina hɔ fa “asomdwoe kwan so.” Ɛkyere nea ɔhwehwe trenee akyi kwan nkakra-nkakra, ne Okristoni asetra mu kɔ nhyira a wohu wƆ wɔn ho a wɔde ahyɛ ɔdom ne ahotoso a enhinhim a egye nkwa, ne sɔhwɛ tumi a ɛyɛ nnebɔneyɛfo Adamfo no ase no mu. Nkyerɛkyerɛ a wohu wɔ saa nhoma yi mu yi de ahotɔ ne anidaso abrɛ akara a wɔabrɛ bebree, na aboa Owura no akyidifo bebree sɛ wɔnantew ahotoso ne anigye pii mu wɔ wɔn Nyame kwankyerɔfo no akyidi mu. ƐwƆ anidaso sɛ ɛde nkrasɛm koro no ara bɛma pii no ara a ehia wɔn ɔboa no. KN 5.1

“Ɛhɔ na ma ɔkwan no mpue,
Anamɔn a wotu kɔ soro.”
KN 5.2

Saa na ɛte WD Yakob ho, bere a ehu abrɛ nase, na bone atew no afi Onyankopɔn ho no, ɔhomee, “na ƆSOO dae, na hwɛ antweri si fam a natifi du soro.” Ɔsoro ne asase nkabom no woyi kyerɛɛ no, na nsɛm a ɛyɛ ahomeka ne anidaso no, Nea ɔte antweri no atrapoe nwini so no kasa kyerɛɛ no. KN 5.3

Ma ɔsoro aniso adehu no nti mu nkyerɛ pii no ara a wɔkan saa abasɛm a ɛde kɔ nkwa mu yi. KN 5.4

AKYERƐWFO.